Lyrics

Mmm Sɛ nka Awurade bɛka me ho Na Wasi ne frankaa wɔ me so a Wama nipa nyinaa ahu nea Wayɛ me a Adeɛ baako pɛ ara na mɛyɛ Anka Awurade bɛka me ho, ei Na Wasi ne frankaa wɔ me so a Wama nipa nyinaa ahu nea Wayɛ me, Akua ei Adeɛ baako pɛ ara na mɛyɛ Anka mɛsoa N'ahengwa ei Mede N'adansedie asi me kɔn so Na mɛma wiase nyinaa ahunu sɛ Ɔno nko ara na medɔ no Anka mɛsoa N'ahengwa ei Na mɛma N'adansedie ada m'ano da biara Mɛma wiase nyinaa ahunu sɛ Ɔno nko ara, Ɔno nko ara na medɔ No Wo nko ara (na medɔ Wo ei) Menni dɔfo biara ka Wo ho o Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh-eh Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara ei (na medɔ Wo ei) Wo nko ara, Wo nko ara na medɔ Wo (ka Wo ho oh-eh) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Bassey Mix! Mmm Sɛ anka Yehowa, Wobɛboa me a Anka mɛfa tontonsansan (tontonsansan) Mpintin ei, ayɛ dede agu amansan asom' sɛ Ɛyɛ Wo nko ara na medɔ Wo o Wo nko ara na medɔ Wo o, ah Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Sɛ Yehowa, nka Wobɛka me ho a Anka mɛfa tontonsansan Anka mɛhyɛn totrobɛnto, "Pa-pam, pa-pam, pa-pam" abɔ Wo din ei Mɛkyerɛ amansan sɛ Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara Wo nko ara na medɔ Wo oh-eh Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Wo nko ara (na medɔ Wo ei) Menni dɔfo biara ka Wo ho o Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh-eh Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara ei (na medɔ Wo ei) Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara (ka Wo ho oh-eh) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Yeah-hey, yeah-hey, yeah-hey-hey Aane, Wodaa ɔdɔ adi kyerɛɛ me o, ɛwɔ asennua no so Wofaa m'amaneɛ, me haw nyinaa, soaaeɛ Wogyee me wuo wuui o Wogyee me su suui o Wogyee m'amaneɛ nyinaa soaae a Mɛma amansan nyinaa ahunu sɛ Wo nko ara, Wo nko ara na medɔ Wo o Ɛwɔ asennua no so o, na Woteaa mu sɛ "Eli, Eli, Eli, Lama Sabachthani?" M'Agya, M'Agya, adɛn nti na Woapaw me o? Ɛna meda akyire ei! Awurade, Wogyee me su yi suuiɛ Onyame, Wogyee m'amaneɛ yi o Onyame, Wogyee me haw yi o Enti Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara ei Wo nko ara na medɔ Wo o, ei Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Wo nko ara (na medɔ Wo oh-eh) Menni dɔfo biara ka Wo ho o Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh-eh Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara ei (na medɔ Wo ei) Wo nko ara, Wo nko ara na medɔ Wo (ka Wo ho oh-eh) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Wo nko ara na medɔ Wo o (na medɔ Wo o) Medɔ Wo o, medɔ Wo o, medɔ Wo o (ka Wo ho o) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh-eh Wo nko ara (na medɔ Wo ei) Menni dɔfo biara (ka Wo ho oh-eh) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Wo nko ara na medɔ Wo o (na medɔ Wo ei) Medɔ Wo o, medɔ Wo o, medɔ Wo aah (ka Wo ho o) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh-eh Wo nko ara, Wo nko ara (na medɔ Wo ei) Na Wo nko ara, Wo nko ara (ka Wo ho oh-eh) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh Wo nko ara, Wo nko ara, Wo nko ara Wo nko ara, Wo nko ara (na medɔ Wo ei) Wo nko ara ka, Wo nko ara na medɔ Wo (ka Wo ho o) Woyɛ m'akoma mu dɔfo papabi o, oh-eh (Na medɔ Wo ei) eh-hey, eh-eh Ka Wo ho oh-eh 'Pabi o, oh-eh
Writer(s): Selina Boateng Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out