Lyrics

Ototrobonsu Nyankopɔn a, Wobɔɔ Soro ne asaase Wo din de Alpha ɛne Omega, mfitiasee ne awieɛ Nyame ne Wo Yahweh Nyame ei, Abraham Nyame ne Wo Isaac Nyame ei, Daniel Nyame ne Wo Ɛyɛ Wo na woyii Israelfoɔ efirii nkoasom mu Ɛyɛ Wo ara na woyii Daniel firii gyata amena mu Yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo), aane, yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo) Aane, yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo, firisɛ Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo) Yɛn koraa yɛnnim obiara (agye sɛ Wo) yɛn koraa (nko ara) yɛnnim obiara (Agye sɛ Wo) yɛn koraa (nko ara) yɛnnim obiara (Agye sɛ Wo nko ara Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo) Nyanka nyinaa Se ei, ahiafoɔ adamfo Awisea nyinaa agya ei, akunafoɔ wɔn kunu Wofiri daakye akyirikyiri, ɛbɛsi nnɛ Woda so yɛ Onyame Adebɔ mfitiase Nyame ei, mfie mpempem, mpempem Nyame ne Wo Yɛn nyinaa bɛtoo Wo o, ɛnso yɛbɛsan agya Wo hɔ akɔ Ebinom bɛtoo Wo, wɔn nyinaa awu ɛnso Woda so te ase o Ahunabɔbrimu' Nyame ei, Ɔseadeɛyɔ Nyame Ɛyɛ Wo na Wofa neɛ ateteɛ, na aporɔ, na asɛe, na woyɛ no yie o Yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo), aane, yɛnsom obiara da (yɛbɛsom Wo) Aane, yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo, firisɛ Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo) Yɛn koraa yɛnnim obiara (agye sɛ Wo) yɛn koraa (nko ara) yɛnnim obiara (Agye sɛ Wo) yɛn koraa (nko ara) yɛnnim obiara (Agye sɛ Wo nko ara Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo) Tetefo wɔn Nyame ei, ɛnnɛmma wɔn Nyame Nkyirimma wɔn Nyame ei, daakyefoɔ wɔn Nyame Wo na yɛkyeree Daniel, 'ɛkɔtoo gyata amena mu Wo din nti, gyata no antumi anyɛ no hwee Yɛkyeree Shadrack, Mesak ne Abednego Ɛkɔguu ogya fonoo mu, Wo tumi nti ogya no antumi anhye wɔn Wo ho yɛ hu, Onyame ei, Wo ho yɛ hu wate Nyansaboakwa Nyame ei, Wo nko ara na yɛse yɛbɛsom Wo Yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo), aane, yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo) Aane, yɛnsom obiara (yɛbɛsom Wo, firisɛ Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo) Yɛn koraa yɛnnim obiara (agye sɛ Wo) yɛn koraa (nko ara) yɛnnim obiara (Agye sɛ Wo) yɛn koraa (nko ara) yɛnnim obiara (Agye sɛ Wo nko ara Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo) Jesus (yɛbɛsom Wo), ah Jesus (yɛbɛsom Wo), eh Jesus Yɛbɛsom Wo, firisɛ Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo Yɛnsom obiara, yɛnsom (agye sɛ Wo) obiara (nko ara) yɛnsom obiara Yɛnsom (agye sɛ Wo) obiara (nko ara) yɛnsom obiara Yɛnsom (Agye sɛ Wo) obiara (nko ara, Nyame biara) yɛnsom (nni hɔ a) obiara Yɛnsom (Ɔte sɛ) obiara (Wo) yɛnsom obiara Yɛnsom (yɛbɛsom Wo) obiara, yɛnsom obiara, yɛnsom (yɛbɛsom) obiara (Wo) Yɛnsom obiara, yɛnsom (yɛbɛsom) obiara (Wo, firisɛ Nyame) yɛnsom (biara nni hɔ a) obiara Yɛnsom (Ɔte sɛ Wo) obiara Jesus (agye sɛ Wo) ah (nko ara), Jesus (agye sɛ Wo) ah (nko ara) Jesus (agye sɛ Wo nko ara, Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo) Ah Jesus (yɛbɛsom Wo, yɛbɛsom Wo, yɛbɛsom Wo) Firisɛ Nyame biara nni hɔ a, Ɔte sɛ Wo
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out